4 Enti, odiyifoɔ kumaa no yɛɛ deɛ wɔka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Ramot-Gilead. 5 Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu Yehu sɛ ɔne asraafoɔ mpanimfoɔ bi reyɛ nhyiamu. Ɔkaa sɛ, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.”
6 Enti, Yehu gyaa wɔn a aka no hɔ, kɔɔ efie. Na odiyifoɔ kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Mesra wo ngo sɛ, di Awurade nkurɔfoɔ Israelfoɔ so ɔhene. 7 Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura, no fie. Saa ɛkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifoɔ a wɔkunkumm wɔn ne Awurade asomfoɔ no nyinaa a Isebel kunkumm wɔn no so ka. 8 Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahab fiefoɔ nyinaa firi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfoɔ ne deɛ ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. 9 Mɛsɛe Ahab fie, sɛdeɛ mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie no. 10 Na nkraman bɛwe Isebel ɛnam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifoɔ kumaa no buee ɛpono no, tuu mmirika dwaneeɛ.
11 Yehu sane kɔɔ ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara yɛ anaa?” Yehu buaa sɛ, “Wo ara wonim, sɛdeɛ ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”
12 Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Woboa. Ka nokorɛ.” Enti, Yehu kaa sɛ, odiyifoɔ no ayi akyerɛ no sɛ Awurade asra no ngo sɛ ɔmmɛdi Israel so ɔhene.
13 Wɔde wɔn ntadeɛ sesɛɛ ntwedeɛ no so ntɛm ara, hyɛnee totorobɛnto, teateaam sɛ, “Yehu yɛ ɔhene.”
17 Ɔwɛmfoɔ a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no hunuu Yehu ne ne nkurɔfoɔ sɛ wɔreba enti, ɔteaam guu Yoram so sɛ, “Mehunu sɛ akodɔm reba. Soma ɔpɔnkɔkafoɔ bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoeɛ so anaa.” Ɔhene Yoram nso teaam.
18 Enti, ɔpɔnkɔkafoɔ no kɔhyiaa Yehu bisaa no sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.”
19 Enti, ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafoɔ a ɔtɔ so mmienu. Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn bisaa sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Bio, Yehu bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Di mʼakyi!”
20 Ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.”
21 Ɔhene Yoram hyɛɛ sɛ, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kɔhyiaa Yehu. Wɔhyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. 22 Ɔhene Yoram bisaa sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa, Yehu?”
23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no ahoma, de danee ɔpɔnkɔ no ani, dwaneeɛ a ɔreteateam sɛ, “Ɔmammɔfoɔ Ahasia!”
24 Na Yehu twee nʼagyan to wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwiree nʼakoma mu, ma ɔbu hwee ne teaseɛnam no mu, wuiɛ. 25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ, “To no twene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae ɛberɛ a na yɛtete nteaseɛnam mu di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kaa sɛ, 26 ‘Meka ntam di nse sɛ, mɛtua no so ka wɔ Nabot agyapadeɛ yi mu. Sɛ ɔkum Nabot ne ne mmammarima nnora a mehunuu no enti, mɛtua no ka. Enti, to no twene wɔ Nabot asase yi so.’ ”
27 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia hunuu asɛm a asi no, ɔdwane kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teateaam sɛ, “Monkum ɔno nso bi.” Enti, wɔtoo Ahasia agyan wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur aforoeɛ a ɛbɛn Yibleam. Ɔtumi kɔeɛ ara kɔduruu Megido, na ɔwuu wɔ hɔ. 28 Ne mpanimfoɔ de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem, kɔsiee no ne mpanimfoɔ ho wɔ Dawid kurom. 29 Na Ahasia dii adeɛ wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi adeɛ mfeɛ dubaako.
32 Yehu pagyaa nʼani hunuu no wɔ mpomma no mu teaam sɛ, “Hwan na ɔwɔ mʼafa!” Na apiafoɔ baanu anaa baasa hwɛɛ no. 33 Yehu teaam sɛ, “Monto no ntwene fam.” Enti, wɔtoo no firii mpomma no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasuo no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.
34 Na Yehu kɔɔ ahemfie hɔ kɔdidi, nomeeɛ. Akyire yi, ɔkaa sɛ, “Monkɔ nkɔsie ɔbaa a wɔadome no yi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔhene babaa.” 35 Nanso, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, ne tikwankoraa, ne nan ne ne nsa nko ara na wɔhunuiɛ.
36 Ɛberɛ a wɔbɛbɔɔ Yehu amaneɛ no, ɔkaa sɛ, “Yei hyɛ asɛm a Awurade nam ne ɔsomfoɔ Tisbini Elia so kaeɛ no ma sɛ, ‘Asase tam bi a ɛda Yesreel no so na nkraman bɛwe Isebel ɛnam. 37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel haban mu a ne saa enti, obiara ntumi nhunu no.’ ”
<- 2 Ahemfo 82 Ahemfo 10 ->