3 Obi kaa nʼadwene sɛ, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.”
4 Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua. 5 Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam sɛ, “Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!”
6 Onyankopɔn onipa no bisaa sɛ, “Ɛhefa na ɛtɔeɛ?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani. 7 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.
9 Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene[a] kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.” 10 Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho.
11 Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?”
12 Mpanimfoɔ no mu baako buaa sɛ, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene.”
13 Ɔhene no hyɛɛ sɛ, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no.” Na nkra baeɛ sɛ, “Elisa wɔ Dotan.” 14 Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho. 15 Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, “Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
16 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn.”
17 Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ,” Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
18 Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira.” Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no.
19 Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria.
20 Na wɔduruu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ.” Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔwɔ Samaria.
21 Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa sɛ, “Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?”
22 Elisa buaa no sɛ, “Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔ wɔn kurom.” 23 Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔ wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa.
26 Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”
27 Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.” 28 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”
30 Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu sɛ ɔhyɛ ayitadeɛ wɔ nʼase. 31 Ɔhene no kaa ntam sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me.”
32 Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.” 33 Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ.
- a Israelhene no din de Yoram.