4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5 Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6 Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. 7 Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?”
8 Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?”
9 Edomhene[b] ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa.
10 Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.”
11 Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa sɛ, “Enti Awurade odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yɛbɛtumi abisa Awurade deɛ yɛnyɛ.”
12 Enti, Yehosafat kaa sɛ, “Ɛnneɛ, Awurade bɛtumi akasa afa ne so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.
13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!”
14 Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho. 15 Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.”
20 Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko pɛ. Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara.
21 Ɛberɛ a Moabfoɔ tee sɛ akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so. 22 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ wɔ nsuo no so, ama ani abere sɛ mogya. 23 Moabfoɔ no teaam sɛ, “Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!”
24 Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. 25 Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so.
26 Ɛberɛ a Moabhene hunuu sɛ ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. 27 Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.
<- 2 Ahemfo 22 Ahemfo 4 ->