1 Ɔbosome Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛtɔ so dunum wɔ Sedekia ahennie mfeɛ nkron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakodɔm nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wɔtwaa kuropɔn no ho hyiaeɛ. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasuo ho. 2 Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.
3 Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. 4 Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.
5 Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no. 6 Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla, ma wɔbuu no atɛn. 7 Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmammarima nyinaa. Afei, wɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.
13 Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, kɔbere mfrafraeɛ nsuo nteaseɛnam ne Po a na ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, na wɔsoaa ne nyinaa kɔɔ Babilonia. 14 Wɔtasee nkukuo, sofi, nkanea akapɛ, nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa. 15 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no sane tasee nkyɛnsee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkaeɛ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.
16 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔnya firii afadum mmienu, nsuo teaseɛnam ne Ɛpo no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wɔbɛtumi akari. Ɔhene Salomo berɛ so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu. 17 Na afadum no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Kɔbere mfrafraeɛ no ntaasoɔ a ɛdeda afadum no mu biara so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ no ara bi a ɛyɛ atena sɛso ne ateaa aba sɛso atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no.
18 Awɛmfoɔ so panin no kyekyeree ɔsɔfopanin Seraia, nʼabadiakyire Sefania ne apono ano sohwɛfoɔ mpanimfoɔ baasa sɛ nneduafoɔ. 19 Nnipa a na wɔakɔtetɛ no mu nso, ɔkyeree Yuda asraadɔm no mu panin baako, ɔhene no ankasa afotufoɔ baanum, asraadɔm sahene no twerɛfoɔ panin a na ɔfa nnipa wɔ adwuma mu ne ɔmanfoɔ aduosia. 20 Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 21 Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn.
25 Tisri bosome (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nana a na ɔfiri adehyeɛ abusua mu no de mmarima edu kɔɔ Mispa, kɔkumm Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafoɔ ne Babiloniafoɔ no nyinaa. 26 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, ɛfiri akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so ne akodɔm asahene, bɔɔ huboa, na wɔdwane kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na wɔsuro sɛ Babiloniafoɔ no bɛyɛ wɔn biribi.