3 Ɔhene Yosia dii mfirinhyia dunwɔtwe wɔ nʼahennie mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Mesulam nana, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, 4 “Kɔ ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a apono anohwɛfoɔ no agyegye afiri nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no. 5 Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho nsiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfoɔ a wɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no ho ka. 6 Ɛho bɛhia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfoɔ, adansifoɔ ne abohyehyɛfoɔ. Afei, ma wɔntɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie asɔredan no. 7 Nanso, ɛho nhia sɛ adansie no sohwɛfoɔ bɛbu sika a wɔn nsa bɛka no ho nkonta, ɛfiri sɛ, wɔyɛ nokwafoɔ.”
11 Ɛberɛ a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nwoma no mu no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 12 Na ɔhyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan ne ɔhene fotufoɔ Asaia sɛ, 13 “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
14 Enti, ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforɔ Misne kɔhunuu odiyifoɔ Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntadeɛ adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nana. 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ, 16 ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛdeɛ matwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a mokenkaneɛ no mu no. 17 Ɛfiri sɛ, me nkurɔfoɔ agya me, na wɔsom anyame huhuo, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuo. Mʼabufuhyeɛ redɛre wɔ ha, na ɛrennum.’ 18 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔhwehwɛ Awurade, na monka nkyerɛ no sɛ, Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa asɛm a woate no seesei no ho. 19 Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo ya, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometeɛ sunsuanee wo ntadeɛ mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti, nokorɛm, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ. 20 Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ”