3 Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?”
4 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.”
5 Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?”
6 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.”
7 Mmarima aduonum firi adiyifoɔ kuo no mu nso kɔeɛ, kɔgyinaa akyirikyiri baabi, hwɛɛ sɛ Elia ne Elisa gyina Asubɔnten Yordan ho hɔ. 8 Na Elia bobɔɔ nʼatadeɛ, de bɔɔ nsuo no ani. Nsuo no mu kyɛɛ mmienu, ma wɔfaa asase kesee so twareeɛ.
9 Wɔbaa asuo no fa no, Elia bisaa Elisa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?”
10 Elia kaa sɛ, “Woabisa adeɛ a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wohunu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisadeɛ no. Na sɛ amma saa deɛ a, wo nsa renka.”
11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12 Elisa hunuiɛ, teaam sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!” Na wɔyeraeɛ no, Elisa suanee nʼatadeɛ mu mmienu.
13 Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14 Ɔde atadeɛ ngugusoɔ no bɔɔ nsuo no ani teaam sɛ, “Awurade, Elia Onyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara nsuo no mu paee mmienu maa Elisa faa mu.
15 Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no. 16 Wɔkaa sɛ, “Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu.”
20 Elisa kaa sɛ, “momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde baeɛ.
21 Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.” 22 Na ampa ara, ɛfiri saa ɛberɛ no, nsuo no ayɛ nsu pa sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.
23 Elisa firii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wɔfiri kuro no mu dii ne ho fɛ, seree no sɛ, “Tipa, foro kɔ ɛ! Tipa, foro kɔ ɛ!” 24 Elisa danee ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisire mmienu pue firii wiram, bɛkunkum wɔn mu aduanan mmienu. 25 Elisa firii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔ Karmel so, na ɔfirii hɔ kɔɔ Samaria.
<- 2 Ahemfo 12 Ahemfo 3 ->