1 Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn.
2 Mommue mo akoma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yɛnsisii obiara na yɛmmuu obiara kwasea nso. 3 Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛdeɛ madi ɛkan aka no, yɛdɔ mo enti, daa sɛ yɛwu o, yɛte ase o, mowɔ yɛn akoma mu. 4 Megye mo di enti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa aba. Mede ahosɛpɛ retu mmirika no.
5 Mpo yɛduruu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei, na ehu wɔ yɛn akoma mu. 6 Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa aba den no nam Tito ba a ɔbaeɛ no so hyɛɛ yɛn den. 7 Ɛnyɛ ne ba a ɔbaeɛ no nko, na mmom, ka a ɔbɛkaa sɛ mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛdeɛ mopɛ sɛ mohunu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛdeɛ modii yea ne sɛdeɛ na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no enti seesei, ama mʼani agye sene kane no.
8 Sɛ me krataa a metwerɛɛ mo no hyɛɛ mo awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me ya sɛ metwerɛeɛ. Ahyɛaseɛ no ɛhaa me nanso seesei deɛ ɛnha me. Menim sɛ krataa no mu nsɛm hoo mo werɛ ɛberɛ tiawa bi. 9 Nanso, seesei deɛ, mʼani agye, ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ hoeɛ no enti, na mmom, sɛ mo awerɛhoɔ no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ hoeɛ enti yɛn deɛ, yɛanha mo. 10 Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba. 11 Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ sɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ sɛ monni fɔ. Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, pɛ sɛ mohunu sɛ atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ modi bem wɔ asɛm yi ho. 12 Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no. 13 Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no.