1 Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ, Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa. 2 Onyankopɔn se,
3 Yɛmmpɛ sɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmmpɛ sɛ yɛde suntidua to obiara kwan mu. 4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano. 5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyene kɔm. 6 Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ dɔ, 7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfoɔ so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso. 8 Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ. 9 Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10 Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo. 12 Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo akoma mu. 13 Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu!