7 Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn. 8 Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo sɛ yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛmpa aba. 9 Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio. 10 Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu. 11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu. 12 Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
13 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di. 14 Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim. 15 Mo enti na yeinom bɛba mu; na sɛdeɛ Onyankopɔn adom no reduru nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpaeɛ ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no animuonyam.
16 Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da. 17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. 18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa.
<- 2 Korintofoɔ 32 Korintofoɔ 5 ->