4 Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. 5 Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn. 6 Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.
12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru. 13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no. 14 Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di. 15 Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. 16 Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ. 17 Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ. 18 Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.
<- 2 Korintofoɔ 22 Korintofoɔ 4 ->