5 Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. 6 Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo. 7 Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim. 8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no. 9 Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ. 10 Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so.
13 Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.