11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mogye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsene “Asomafoɔ” a mobu wɔn no. 12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ. 13 Dwumadie no bi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Adɛn enti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri sɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me.
14 Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo. 15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo enti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagyeɛ de aboa mo. Esiane sɛ medɔ mo yie no enti, mo dɔ a modɔ me no so bɛte anaa? 16 Mobɛte aseɛ sɛ na mennyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka sɛ, meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo. 17 Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa? 18 Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ?
19 Ebia, modwene sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tete yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo. 20 Mesuro sɛ, sɛ meduru hɔ a, sɛdeɛ anka mepɛ sɛ mehunu mo no, merenhunu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ sɛ mohunu me no, morenhunu me saa. Menim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pɛsɛmenkomenya, ɔyea ne nsekuro, ahantan ne basabasayɛ no. 21 Mesuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase wɔ mo anim na mɛsu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no.
<- 2 Korintofoɔ 112 Korintofoɔ 13 ->