Korintofoɔ
8 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidasoɔ nyinaa yeraeɛ. 9 Nokorɛm yɛgye too mu sɛ yɛrebɛwu. Saa asɛm yi siiɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom, yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufoɔ sɔre no so. 10 Wayi yɛn afiri saa owuo amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpaeɛ ma yɛn a, 11 ɔbɛgye yɛn bio. Yei kyerɛ sɛ, ɔbɛbua mpaeɛ dodoɔ biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na dodoɔ no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.
15 Na menim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno enti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. 16 Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresane nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. 17 Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani?
18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a. 19 Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so. 20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 21 Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22 faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
23 Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanseɛ. Ɔnim mʼakoma mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya kwan agye mo ahome enti na mankɔ Korinto no. 24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, na mmom, mo ahotɔ enti na yɛne mo yɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, ɛnam mo ankasa gyidie so na mobɛgyina pintinn.
2 Korintofoɔ 2 ->