5 “Afei, monnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no wɔ ɛberɛ a wɔde wɔn afɔdeɛ aba Asɔredan mu no. 6 Monkum Twam Afahyɛ nnwammaa no, na monnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛdeɛ biara a Awurade nam Mose so de maeɛ no, monni so.”
7 Na Yosia firii deɛ ɔwɔ mu, maa nnwammaa ne mmirekyie mma ɔpeduasa ne anantwinini mpem mmiɛnsa sɛ nnipa no Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.
8 Ɔhene no mpanimfoɔ nso firi wɔn pɛ mu, boaa ɔmanfoɔ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanimfoɔ nso maa asɔfoɔ no nnwammaa ne mmirekyie mma mpem mmienu ne ahansia ne anantwinini ahasa sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 9 Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.
10 Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no. 11 Lewifoɔ no kunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no, na wɔde mogya no maa asɔfoɔ no, na wɔde petee afɔrebukyia no so wɔ ɛberɛ a na Lewifoɔ no redwa mmoa no. 12 Wɔkyekyɛɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no maa ɔmanfoɔ no sɛdeɛ wɔn mmusua nkyekyɛmu no teɛ, na wɔatumi de abɔ afɔdeɛ ama Awurade, sɛdeɛ mmara a wɔatwerɛ agu Mose nwoma no mu kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. 13 Afei, wɔtotoo Twam Afahyɛ nnwammaa no sɛdeɛ wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔdeɛ kronkron no wɔ nkukuo, nnadesɛn ne nkyɛnsee mu, de baa ntɛm so sɛdeɛ ɔmanfoɔ no bɛtumi awe. 14 Akyire yi, Lewifoɔ yɛɛ wɔn ne asɔfoɔ no aduane, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ no ayɛ adwuma firi anɔpa kɔsi anadwo a wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔrehye sradeɛ no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifoɔ no na wɔgye too wɔn ho so yɛeɛ.
15 Asaf asefoɔ nnwom ho nimdefoɔ no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunumuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponoanohwɛfoɔ no wɛnee apono no a na ɛho nhia sɛ wɔfiri wɔn nnwuma so, ɛfiri sɛ, na wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no de wɔn nnuane kɔma wɔn wɔ hɔ.
16 Awurade Twam Afahyɛ no baa awieeɛ da no. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa wɔ Awurade afɔrebukyia no so, sɛdeɛ ɔhene Yosia hyɛeɛ no. 17 Israelfoɔ a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ no. 18 Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, wɔnnii Twam Afahyɛ sei da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam Afahyɛ sɛdeɛ Yosia yɛeɛ a ɔmaa asɔfoɔ, Lewifoɔ, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. 19 Wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahennie mfirinhyia dunwɔtwe so.[a]
22 Nanso, Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annane nʼani. Mmom, ɔdii nʼakodɔm anim, kɔkoo wɔ Megido tata so. Ɔworɔɔ nʼahentadeɛ no guu nkyɛn baabi sɛdeɛ atamfoɔ no renhunu no.
23 Nanso, atamfoɔ agyantofoɔ no too bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteaam frɛɛ ne mmarima sɛ, “Momfa me mfiri akono ha, ɛfiri sɛ, mapira pira bɔne.” 24 Enti, wɔyii Yosia firi ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforɔ mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na ɔwuiɛ. Wɔsiee no hɔ wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayie.
25 Odiyifoɔ Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, nnwomtofoɔ to saa kwadwom a ɛfa ne owuo no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanneɛ a wɔatwerɛ ahyɛ Kwadwom Nwoma mu.
26 Yosia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama sɛdeɛ Awurade mmara teɛ no, 27 firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu.
<- 2 Berɛsosɛm 342 Berɛsosɛm 36 ->- a Afe a ɛtɔ so dunwɔtwe. Afe korɔ no ara mu na wɔhunuu Mmara Nwoma no (34.8,14).