3 Yosia hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Onyankopɔn akyiri ɛkwan wɔ ɛberɛ a na ɔda so yɛ abɔfra a wadi adeɛ mfeɛ nwɔtwe. Na ne mfeɛ dumienu so no, ɔdwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom asɔreeɛ nyinaa, Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa. 4 Ɔhwɛ ma wɔbubuu Baal nsɛsodeɛ afɔrebukyia no ne nnuhwam afɔrebukyia no nyinaa guiɛ. Ɔmaa wɔdwerɛɛ Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa, na wɔto petee awufoɔ a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no damena so. 5 Afei, ɔhyee abosomfoɔ nnompe. Ɔhyee no wɔn ankasa afɔrebukyia so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem ho. 6 Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkuro so, kɔeɛ ara mpo, kɔduruu Naftali. 7 Ɔsɛee abosonsomfoɔ afɔrebukyia, Asera afɔrebukyia, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Ɔdwirii nnuhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsane kɔɔ Yerusalem.
8 Nʼadedie mfeɛ dunwɔtwe so no a ɔwiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ, sɛ wɔnsiesie Awurade, ne Onyankopɔn asɔredan no.
9 Wɔde sika a Lewifoɔ a wɔsom sɛ aponoanohwɛfoɔ agyegye wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho maa ɔsɔfopanin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfoɔ ne Israel nkaeɛfoɔ nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfoɔ na wɔde akyɛdeɛ no baeɛ. 10 Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wɔtuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka. 11 Wɔbɔɔ nnua dwumfoɔ ne adansifoɔ paa, tɔɔ aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie afasuo no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsamsoɔ ne mpunan. Wɔsiesiee deɛ anka Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no rema asɛe no.
12 Adwumayɛfoɔ no de nokorɛdie yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Merarifoɔ abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ abusua mu na wɔhwɛɛ adwumafoɔ no so. Lewifoɔ a aka a wɔn nyinaa wɔ nnwontodeɛ ho nimdeɛ no, 13 wɔmaa wɔyɛɛ sohwɛfoɔ maa adwumayɛfoɔ akuo hodoɔ. Na afoforɔ bi nso yɛɛ adwuma sɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ ne aponoanohwɛfoɔ.
16 Safan de nwoma mmobɔeɛ no kɔmaa ɔhene kaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 17 Sika a wɔgyegyee no Awurade Asɔredan no mu no, wɔde ama sohwɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ no.” 18 Safan ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfopanin Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.
19 Ɛberɛ a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 20 Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ, 21 “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkaeɛfoɔ nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma mmobɔeɛ a wɔahunu no ho nsɛm. Awurade abufuo aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ deɛ nwoma mmobɔeɛ yi ka sɛ yɛnyɛ.”
22 Hilkia ne mmarima a aka no kɔɔ odiyifoɔ baa Hulda a na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nana nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Misne.
23 Ɔbaa no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ, 24 ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kuro yi ne emu nnipa. Nnome a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a moakenkane yi mu nyinaa bɛba mu. 25 Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfoɔ anyame. Ɛno enti, me bo afu wɔn yie wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuo bɛhwie agu saa beaeɛ ha, na biribiara rentumi nsi ano.’ 26 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yei na Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa asɛm a motee seesei no ho. 27 Ɛberɛ a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne emu nnipa no, ɛhaa wo, maa wobrɛɛ wo ho ase Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometeɛ sunsuanee wʼatadeɛ mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti, nokorɛm, mate wo nne, Awurade na ɔseɛ. 28 Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kɔsi sɛ wobɛwu na wɔasie wo asomdwoeɛ mu. Worenhunu amanehunu a mede bɛba beaeɛ yi so.’ ”
32 Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu.
33 Enti, Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no firii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Onyankopɔn. Na ne nkwa nna a aka no mu no nyinaa, wɔannane wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn no da.
<- 2 Berɛsosɛm 332 Berɛsosɛm 35 ->