7 Na Manase faa ohoni a wasene, de kɔsii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kɔsii baabi korɔ no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛdi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afiri mmusuakuo a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. 8 Sɛ Israelfoɔ di mʼahyɛdeɛ nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so maeɛ no nyinaa so a, merentwa wɔn asuo mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so.” 9 Nanso, Manase dii ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim, ma wɔyɛɛ bɔnetrasoɔ sene abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn wɔ ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ asase no so no.
10 Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. 11 Enti, Awurade maa Asiriafoɔ akodɔm bɛfaa Manase yɛɛ no ɔdeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. 12 Na ɛberɛ a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Onyankopɔn akyiri kwan, na ɔde ahobrɛaseɛ su frɛɛ nʼagyanom Onyankopɔn. 13 Na ɛberɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, na nʼabisadeɛ no kaa nʼakoma. Enti, Awurade maa Manase sane kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahennie mu. Afei, Manase tee aseɛ sɛ, Awurade nko ara ne Onyankopɔn.
14 Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.
15 Manase sane tutuu amamfrafoɔ anyame fifirii mmepɔ no so. Ɔsane tutuu anyame ne ahoni no firii Awurade Asɔredan mu. Ɔbubuu afɔrebukyia a wasisi wɔ bepɔ so, baabi a Asɔredan no si, ne afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔto guu kuropɔn no mfikyire. 16 Na ɔsane sii Awurade afɔrebukyia no, bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfoɔ no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Onyankopɔn no. 17 Nanso, na ɔmanfoɔ no gu so bɔ afɔdeɛ wɔ abosonsom asɔreeɛ so. Nanso, na wɔbɔ ma Awurade wɔn Onyankopɔn ara.
18 Manase adedie ho nsɛm nkaeɛ, ne mpaeɛ a ɔbɔɔ Onyankopɔn ne nsɛm a adehunumufoɔ ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo nwoma mu. 19 Manase mpaeɛ ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atorɔ a ɔdiiɛ nyinaa ho nsɛm no, wɔatwerɛ agu adehunumufoɔ nwoma mu. Baabi a ɔsii abosonsom asɔreeɛ, sisii Asera afɔrebukyia ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. 20 Ɛberɛ a Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼahemfie. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a ɔdi hɔ.
24 Akyire yi, Amon no ara mpanimfoɔ pamm ne tiri so, kumm no wɔ nʼahemfie. 25 Nanso, ɔmanfoɔ a wɔwɔ asase no so kunkumm wɔn a wɔbɔɔ pɔ tiaa ɔhene Amon no, na wɔsii ne babarima Yosia ɔhene, sii nʼanan mu.
<- 2 Berɛsosɛm 322 Berɛsosɛm 34 ->