18 Na Lewifoɔ no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛdeɛ dwumadie no akɔsi kyerɛɛ no. Wɔkaa sɛ, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyeɛ afɔrebɔ afɔrebukyia no a nneɛma ahodoɔ ka ho ne Hyiadan mu Burodo no ɛpono no ne ɛho nneɛma ho. 19 Afei, nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee wɔ ɛberɛ a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakɔgye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔrebukyia no anim a wɔadwira ho na wɔbɛtumi de adi dwuma biara.”
20 Adeɛ kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kuro no mpanimfoɔ ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. 21 Wɔde anantwinini nson, nnwennini nson, nnwammaa nson ne mpapo nson baa sɛ, ahennie, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɔhene no hyɛɛ asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ sɛ, wɔmfa mmoa no mmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade afɔrebukyia no so. 22 Na wɔkunkum anantwinini no, na asɔfoɔ de mogya no petee afɔrebukyia no so. Afei, wɔkunkumm nnwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so. Na awieeɛ no, wɔde nnwammaa no yɛɛ saa ara. 23 Mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no, wɔde baa ɔhene no ne ɔmanfoɔ no anim, ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24 Afei, asɔfoɔ no kunkumm mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, sɛ bɔne ho mpatadeɛ maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyeɛ ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.
25 Afei, ɔhene Hesekia de Lewifoɔ no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Ɔdii ahyɛdeɛ a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhunumuni ne odiyifoɔ Natan so de maa Dawid no so. 26 Afei, Lewifoɔ no faa Dawid nnwontodeɛ no kɔgyinagyinaa wɔn gyinaberɛ wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfoɔ no faa wɔn ntotorobɛnto kɔgyinagyinaa wɔn afa. 27 Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nsi afɔrebukyia no so. Ɛberɛ a wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no reba no, wɔhyɛɛ aseɛ too ayɛyie nnwom maa Awurade, na wɔde ntotorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontodeɛ no gyegyee ho. 28 Badwa no sɔree Awurade wɔ ɛberɛ a na nnwomtofoɔ no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no ara kɔsii sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa saeɛ.
29 Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa koto someeɛ. 30 Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo Awurade, na wɔkoto sɔreeɛ.
31 Afei, Hesekia de too dwa sɛ, “Ɔsom no aba awieeɛ. Momfa mo afɔrebɔdeɛ ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti, ɔmanfoɔ no de wɔn afɔrebɔdeɛ ne wɔn aseda afɔrebɔdeɛ baeɛ, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ nso kaa ho.
32 Ɔmanfoɔ no de anantwinini aduɔson, nnwennini ɔha ne nnwammaa ahanu sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ brɛɛ Awurade. 33 Wɔsane de anantwinini ahansia ne nnwan mpem mmiɛnsa baa sɛ afɔrebɔdeɛ. 34 Nanso, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wɔbɛtumi asiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa enti, wɔn abusuafoɔ Lewifoɔ no boaa wɔn, kɔsii sɛ dwumadie no baa awieeɛ. Wɔtee asɔfoɔ no pii ho ansa na wɔreboa dwumadie no, ɛfiri sɛ, na Lewifoɔ no adwene wɔ wɔn ahoteɛ so sene asɔfoɔ no. 35 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne daa nsa afɔdeɛ no buu so. Saa ara nso na asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ nso yɛɛ bebree.