6 Ɔtuu Filistifoɔ so sa, na ɔbubuu Gat, Yabne ne Asdod afasuo. Na ɔkyekyeree nkuro afoforɔ wɔ Asdod fam ne mmeammea bi a ɛwɔ Filistia. 7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifoɔ koeɛ no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfoɔ a wɔwɔ Gur Baal koeɛ ne Meunifoɔ ko mu nso, ɔboaa no. 8 Meunifoɔ no tuaa apeatoɔ maa no, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ tumi a ɛso.
9 Usia[a] sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so. 10 Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so.
11 Na Usia wɔ asraafoɔ a wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ akodie mu nteteeɛ. Na wɔyɛ akuakuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ akodɔm no twerɛfoɔ ne ne ɔboafoɔ Maaseia na wɔboaboa akofoɔ kɛseɛ yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanimfoɔ no mu baako ase. 12 Mmusua ntuanofoɔ mpenu ahansia na na wɔma saa akofoɔ abenfoɔ yi akwankyerɛ. 13 Na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa ne nson ne ahanum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfoɔ biara. 14 Usia maa akodɔm no nyinaa akokyɛm, mpea, nnadeɛ kyɛ, nkataboɔ, bɛmma ne ahwimmoɔ aboɔ. 15 Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ.
19 Usia bo fuu yie, na wamfa nnuhwamhyeɛ kuruwa a na ɛkura no no ansi fam. Ɔne asɔfoɔ no gyina nnuhwam afɔrebukyia no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20 Ɛberɛ a Asaria ne asɔfoɔ a aka no hunuu kwata no, wɔpiapiaa no firii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, Awurade na wabɔ no. 21 Enti, kwata yɛɛ ɔhene Usia kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Wɔpamoo no firii nnipa mu maa ɔno nko ara tenaeɛ a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfie hɔ ma ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. 22 Amos babarima Yesaia atwerɛ Usia ahennie ho nsɛm nkaeɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ ato hɔ. 23 Usia wuiɛ, na ɛsiane sɛ kwata yɛɛ no enti, wɔsiee no bɛn ahemfo amusieeɛ. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
<- 2 Berɛsosɛm 252 Berɛsosɛm 27 ->- a Usia dii nkonim wɔ anafoɔ-apueeɛ ne anafoɔ-atɔeɛ fam. Israelhene oniɛdenfoɔ Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so.