7 Asa ka kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ, “Momma yɛnkyekyere nkuro, na yɛntwa afasuo mfa ho, mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apono, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, ɛfiri sɛ, yɛbisaa Awurade yɛn Onyankopɔn, na wama yɛn ahomegyeɛ wɔ yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awieeɛ.
8 Na ɔhene Asa wɔ akofoɔ ɔpehasa a wɔfiri Yuda abusuakuo mu a wɔwɔ akokyɛm ne mpea akɛseɛ. Afei, na ɔwɔ akofoɔ ɔpehanu aduɔwɔtwe a wɔfiri Benyamin abusua mu a wɔkurakura akokyɛm ne agyan nketewa. Na akofoɔ akokoɔdurufoɔ wɔ saa akodɔm mmienu yi mu.
9 Ɛberɛ bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de akodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahasa, kɔto hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ kɔduruu Maresa kuropɔn mu. 10 Asa nso boaa nʼakodɔm ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bɔnhwa mu a ɛbɛn Maresa.
11 Asa teaam, frɛɛ Awurade ne Onyankopɔn sɛ, “Ao Awurade, wo nko ara na wobɛtumi aboa deɛ ɔyɛ mmrɛ na watumi ako atia ɔhoɔdenfoɔ! Boa yɛn, Ao, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara ne yɛn anidasoɔ. Wo din mu na yɛrehyia ɛdɔm kɛseɛ yi. Ao, Awurade, woyɛ yɛn Onyankopɔn, na mma ɛkwan mma nnipa teta nnsɔre ntia wo!”
12 Na Awurade dii Etiopiafoɔ no so nkonim wɔ Asa ne Yuda akodɔm no anim, na atamfoɔ no dwaneeɛ. 13 Asa ne nʼakodɔm taa wɔn ara kɔsii Gerar, maa Etiopiafoɔ no bebree totɔeɛ a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakodɔm dwerɛɛ wɔn, na Yuda akodɔm no nyaa afodeɛ bebree kɔeɛ. 14 Ɛberɛ a wɔwɔ Gerar no, wɔto hyɛɛ nkuro a ɛwɔ beaeɛ hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awieeɛ no, wɔnyaa afodeɛ bebree wɔ saa nkuro no so nso. 15 Wɔsane to hyɛɛ mmoahwɛfoɔ atenaeɛ, kyekyeree nnwan ne nyoma, ansa na wɔresane akɔ Yerusalem.
<- 2 Berɛsosɛm 132 Berɛsosɛm 15 ->