5 Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak.”
6 Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa sɛ, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”
7 Awurade hunuu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi wɔ Yerusalem so. 8 Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sene sɛ wɔbɛsom ewiase ahemfo.”
9 Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho. 10 Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so. 11 Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ, na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu.
12 Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so wɔ Yuda asase so.
15 Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. 16 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
<- 2 Berɛsosɛm 112 Berɛsosɛm 13 ->