Timoteo
8 Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ. 9 Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ, 10 afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11 Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn.
12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13 Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ. 14 Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no.
15 Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa. 16 Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17 Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
18 Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ, 19 na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie. 20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.
1 Timoteo 2 ->