6 Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no. 7 Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa sɛ, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.” 8 Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?”
9 Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie. 10 Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfoɔ no suu sɛ, “Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso.” 11 Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa.” Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. 12 Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.
<- 1 Samuel 41 Samuel 6 ->- a Dagon yɛ Filistifoɔ nyame kɛseɛ (ɛho nsɛm wɔ Ate 6.23).