11 Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli.
16 Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, “Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, “Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa.”
17 Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia.
18 Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ. 19 Afe biara a ne maame ne ne kunu rekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ no, na ne maame pam batakari kumaa bi de kɔma no. 20 Ansa na wɔbɛsane akɔ efie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka sɛ, “Awurade mma ɔbaa yi nwo mma, na ɔmmɛsi deɛ ɔbɔɔ ho mpaeɛ nyaeɛ a ɔde no maa Awurade no ananmu.” 21 Na Awurade maa Hana woo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.
22 Afei, Eli bɔɔ akɔkoraa, nanso na ɔnim deɛ ne mmammarima no de reyɛ Israelfoɔ. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, na ɔnim sɛ ne mmammarima no fa mmabaawa a wɔboa ntomadan no ano adwumayɛ no. 23 Eli ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Metete mo ho nsɛm firi ɔmanfoɔ nkyɛn a ɛfa amumuyɛsɛm a modie no ho. Adɛn enti na mokɔ so yɛ bɔne? 24 Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ. 25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn.
26 Na abɔfra Samuel nyiniiɛ, na ɔkɔɔ so nyaa adom firii Awurade ne ɔmanfoɔ nkyɛn.
30 “Enti, asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusua fa no bɛyɛ mʼasɔfoɔ, nanso, wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni; na wɔn a wɔbu me animtia no, mɛbɔ wɔn ahohora. 31 Mɛma mo fiefoɔ agyae mʼasɔfodie som no. Mpatuwuo mpa mo fie da na mo mu biara rentena ase nni mfeɛ, mmee. 32 Mode anibereɛ na ɛbɛhwɛ nkɔsoɔ a mede bɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Na mo abusuafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛbɔ akɔkoraa. 33 Wɔn a wɔbɛka akyire no bɛtena ase awerɛhoɔ ne ntehem mu. Na wɔn mma bɛwuwu atɔfowuo.
34 “ ‘Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu saa no enti, mɛma wo mmammarima baanu no a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no awuwu da korɔ mu. 35 Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa. 36 Na wʼasefoɔ nyinaa bɛkoto nʼasefoɔ, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduane. Wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfoɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya aduane adi, amee.” ’ ”
<- 1 Samuel 11 Samuel 3 ->- a Na mmara no ka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye sradeɛ ne sradenam wɔ afɔrebukyia no so (3 Mose 3.16; 4.8-10).