4 Enti, Saulo frɛɛ nʼakodɔm boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodoɔ yɛ asraafoɔ ɔpehanu ne ɔpedu nso a wɔfiri Yuda. 5 Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛɛ bɔnhwa no mu. 6 Na ɔtoo Kenifoɔ no nkra sɛ, “Momfiri deɛ Amalekfoɔ teɛ hɔ na mansɛe mo ne wɔn, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ no firi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yie.” Enti, Kenifoɔ no twee wɔn ho firi Amalekfoɔ no ho.
7 Na Saulo kunkumm Amalekfoɔ no firii Hawila kɔsii Sur wɔ Misraim apueeɛ fam. 8 Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa. 9 Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa.
12 Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii hɔ kɔɔ Gilgal.”
13 Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so sɛ, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so.”
14 Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?”
15 Saulo gye too mu sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ sɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no.”
16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.”
17 Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. 18 Na ɔsomaa wo sɛ kɔdi dwuma bi ma no, na ɔsee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumuyɛfoɔ a ɛyɛ Amalekfoɔ no pasapasa, kɔsi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dworobɛɛ.’ 19 Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa sɛ monnyɛ?”
20 Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa. 21 Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.”
22 Na Samuel buaa sɛ,
26 Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!”
27 Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ sɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ. 28 Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ ɛfiri ɛnnɛ, Awurade ate Israel ahemman mu afiri wo ho de ama obi foforɔ a ɔyɛ sene wo. 29 Deɛ ɔyɛ Israel Animuonyam no nni atorɔ na ɔnsesa nʼadwene; ɛfiri sɛ, ɔnnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”
30 Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.” 31 Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade.
33 Nanso, Samuel kaa sɛ,
34 Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea. 35 Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea sɛ wasi Saulo ɔhene wɔ Israel so.
<- 1 Samuel 141 Samuel 16 ->