4 Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5 Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.
6 Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.”
7 Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.”
8 Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn. 9 Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” 11 Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔreba no, wɔteam sɛ, “Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!”
12 Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
13 Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ. 14 Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ sɛ eka fa so. 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no wɔ sraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ.
18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.) 19 Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”
20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono hɔ kɔhunuu sɛ, Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara. 21 Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no. 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ wɔ mmepɔ mu no hunuu sɛ Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi. 23 Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.
29 Na Yonatan teaam sɛ, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so. 30 Sɛ mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu wɔ yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho.”
31 Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32 Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ. 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.”
36 Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.”
38 Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no sɛ, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ. 39 Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam sɛ deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee.
40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha.” Nnipa no penee so.
41 Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi fɔ ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” 42 Na Saulo kaa sɛ, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ ɔdi fɔ.
43 Saulo bisaa Yonatan sɛ, “Ka deɛ woayɛ kyerɛ me.”
44 Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.”
45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.
46 Na Saulo frɛɛ akodɔm no sɛ wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie.
49 Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.
52 Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu.
<- 1 Samuel 131 Samuel 15 ->