3 “Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. 4 Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn.
5 “Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6 Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ. 7 Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8 Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal[a] na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”
12 Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?” 13 Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so.
14 Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?”
15 Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?”
16 Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene.
17 Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,[b] 18 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, ‘Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.’ 19 Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim.”
20 Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. 22 Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?”
23 Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a Awurade apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”
25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie.
26 Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27 Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
<- 1 Samuel 91 Samuel 11 ->