4 Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. 5 Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn. 6 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
9 Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu. 10 Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no.
13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so. 14 Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhempɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so. 15 Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ. 17 Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn.
18 Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monnni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni. 19 Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ. 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo. 21 Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.