4 Ahab buaa sɛ, “Mate, me wura! Deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”
5 Ankyɛre biara Ben-Hadad abɔfoɔ sane baa bio bɛkaa sɛ, “Ben-Hadad se, ‘Maka dada sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. 6 Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma me mpanimfoɔ, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfie ne mo nkurɔfoɔ afie. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ”
7 Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”
8 Ntuanofoɔ ne nnipa no nyinaa kaa sɛ, “Sɛ ɔbisaa biribi foforɔ biara bio a, mfa mma no.”
9 Enti, Ahab ka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔfiri Ben-Hadad nkyɛn baeɛ no sɛ, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Biribiara a ɔbisaa kane no deɛ, mede bɛma no. Na deɛ ɔbisaa no akyire no deɛ, merentumi mfa mma no.’ ” Enti, Ben-Hadad abɔfoɔ no sane kɔbɔɔ no amaneɛ.
10 Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so.”
11 Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔrefa nʼakofena akɔ akono, tu ne ho sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wadi nkonim dada.”
12 Ahab mmuaeɛ yi duruu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom ɛberɛ a na wɔrenom nsã wɔ wɔn ntomadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ, “Monsiesie mo ho nkɔko.” Enti, wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuropɔn no so.
14 Ahab bisaa sɛ, “Na sɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifoɔ no buaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’ ”
15 Enti, Ahab boaboaa ɔmansin no asahene ahanu aduasa mmienu akodɔm ano. Afei, ɔfrɛɛ nʼakodɔm a wɔaka a wɔn dodoɔ yɛ mpem nson no. 16 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a Ben-Hadad ne nʼapamfoɔ ahemfo aduasa mmienu gu so reboro nsã wɔ wɔn ntomadan mu no, 17 amansini asahene akodɔm no tuu nten, firii kuro no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Akodɔm bi firi Samaria reba.”
18 Ben-Hadad hyɛɛ sɛ, “Sɛ wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”
19 Nanso, saa ɛberɛ no, na Ahab amansini asahene no adi akodɔm no anim, kɔ ɔko no. 20 Na Israel ɔsraani biara kumm ne ɔtamfoɔ Aram ɔsraani a ɔne no dii asie. Ɛno enti, amonom hɔ ara, Aram asraafoɔ no bɔɔ hu, dwaneeɛ. Israelfoɔ no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfoɔ kakra bi deɛ, wɔtenaa apɔnkɔ so dwaneeɛ. 21 Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkumm Aramfoɔ no.
22 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Siesie wo ho ma ɔko foforɔ na Aramhene bɛba osutɔberɛ mu.”
26 Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafoɔ, tuu nten kɔɔ Israelfoɔ so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko. 27 Israel boaboaa nʼasraafoɔ ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel akodɔm no toto Aram akodɔm no dodoɔ a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel akodɔm no dodoɔ te sɛ mmirekyikuo nketewa mmienu bi.
28 Onyankopɔn onipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Aramfoɔ no aka sɛ, ‘Awurade yɛ mmepɔ Awurade na ɔnyɛ tata so Awurade. Enti, mɛboa wo ma woadi akodɔm buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahunu sɛ, mene Awurade no.’ ”
29 Asraadɔm mmienu yi bobɔɔ wɔn atenaeɛ, ma ɛdii nhwɛanimu nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ aseɛ. Ɛda no ara, Israelfoɔ no kunkumm Aram anammɔntwa asraafoɔ no ɔpeha. 30 Nkaeɛ no dwane kɔtɛɛ Afek ɔfasuo akyi, nanso ɔfasuo no bu guu wɔn so, kumm ɔpeduonu nson. Ben-Hadad dwane kɔtɛɛ kɔkoam dan bi mu wɔ kuro no mu.
31 Ben-Hadad mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔborɔ. Ɛno enti, momma yɛmfira ayitoma, mfa ahoma mmɔ yɛn ti ase, mfa nkyerɛ ahobrɛaseɛ. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”
32 Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisaa sɛ, “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!”
33 Mmarima no yɛɛ ntɛm sɔɔ anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ yi mu, buaa sɛ, “Aane, wo nua Ben-Hadad.”
34 Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede nkuro a mʼagya gye firii wʼagya nsam no bɛsane ama wo, na woahyehyɛ adwadie wɔ Damasko, sɛdeɛ mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.”
36 Na saa odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ɔfoforɔ no sɛ, “Sɛ woantie Awurade nne enti, sɛ wofiri ha ara pɛ a, gyata bɛkye wo, akum wo.” Ampa ara, ɔfirii hɔ ara pɛ na gyata kyeree no kumm no.
37 Na odiyifoɔ no kɔɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wʼakodeɛ yi bɔ me.” Ɔno deɛ, ɔbɔɔ odiyifoɔ no, piraa no.
38 Odiyifoɔ no twɛn ɔhene no wɔ kwankyɛn a ɔde ntomaban akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakyera ne ho. 39 Ɔhene no retwam no, odiyifoɔ no frɛɛ no sɛ, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkaa sɛ, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi enti ɔdwane a, wɔbɛkum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa nwɔtwe.’ 40 Na ɛberɛ a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no dwaneeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomsoɔ. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ”
41 Ɛhɔ ara na odiyifoɔ no sanee ntomaban no firii nʼani, na Israelhene no hunuu no sɛ ɔyɛ adiyifoɔ no mu baako. 42 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum no no enti, ɛsɛ sɛ wɔkum wo seesei si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ na mokunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfoɔ na wɔbɛkunkum wɔn.” 43 Enti, Israelhene a ne bo afu ne ho no kɔɔ Samaria.
<- 1 Ahemfo 191 Ahemfo 21 ->