7 Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?”
8 Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ ”
9 Obadia bisaa sɛ, “Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me? 10 Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo. 11 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ 12 Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase. 13 Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso. 14 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!”
15 Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.”
16 Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia. 17 Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no sɛ, “Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?”
18 Elia buaa sɛ, “Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae Awurade mmara so die, akɔdi Baal akyi. 19 Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra.”
20 Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano wɔ Karmel bepɔ so. 21 Elia dii nnipa no anim kaa sɛ, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi.” Nanso, nnipa no yɛɛ dinn.
22 Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, “Me nko ara ne Awurade odiyifoɔ a maka, nanso Baal wɔ adiyifoɔ ahanan aduonum. 23 Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya. 24 Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.”
25 Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ, “Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri sɛ, mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya.” 26 Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa sɛ wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa sɛ, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ.
27 Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho fɛ sɛ, “Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ sɛ wɔnyane no.” 28 Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn. 29 Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
30 Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na abubuo no. 31 Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako, 32 na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ. 33 Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.”
36 Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. 37 Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.”
38 Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa.
39 Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”
40 Na Elia hyɛɛ sɛ, “Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane.” Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn wɔ hɔ.
43 Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.”
44 Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.”
45 Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. 46 Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.
<- 1 Ahemfo 171 Ahemfo 19 ->