1 Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, 2 “Mepagyaa wo firii mfuturo mu, de wo tuaa me nkurɔfoɔ Israel ano. Nanso, wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfoɔ Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ me abufuo. 3 Enti, merebɛsɛe Baasa ne ne fie, na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat babarima Yeroboam deɛ. 4 Wɔn a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no deɛ, nkraman bɛwe wɔn ɛnam. Na ewiem nnomaa na wɔbɛsosɔ wɔn a wɔbɛwuwu wiram no.”
5 Na Baasa adedie ne ɛho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mpontuo no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 6 Baasa wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
7 Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifoɔ Yehu so baa Baasa ne ne fiefoɔ so, ɛsiane bɔne dodoɔ a na wayɛ wɔ Awurade ani so no enti. Saa nneyɛeɛ no hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeroboam fie no ara pɛ, ɛfiri sɛ, Baasa nso sɛee Yeroboam fie.
9 Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa. 10 Simri kɔɔ hɔ de adeɛ kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wuiɛ. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no afe a ɛtɔ so aduonu nson mu. Enti, Simri bɛyɛɛ ɔhene a ɔdi so.
11 Ɛhɔ ara, Simri kunkumm Baasa adehyeɛ abusua no mu nnipa nyinaa a wannya abarimaa baako koraa. Mpo, ɔkunkumm ne ntɛtɛbusuafoɔ ne ne nnamfonom. 12 Simri sɛee Baasa ahennie nnidisoɔ no, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Yehu so ahyɛ no. 13 Yeinom siiɛ ɛsiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodoɔ a wɔdii Israel anim ma wɔyɛeɛ no enti. Wɔde wɔn abosom huhuo hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
14 Ela ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
20 Simri adedie ho nsɛm nkaeɛ ne ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
23 Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa. 24 Na Omri tɔɔ bepɔ bi a seesei wɔfrɛ no Samaria, firii Semer a na ɛyɛ ne dea no nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Ɔkyekyeree kuro wɔ so, na ɔtoo kuro no edin Samaria, de hyɛɛ Semer animuonyam. 25 Nanso, Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no deɛ. 26 Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim, ma wɔyɛɛ no. Ɔde yei hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
27 Omri adedie ho nsɛm nkaeɛ no ne deɛ ne tumi ano kɔsi ne ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 28 Omri wuiɛ no, wɔsiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
34 Nʼahennie so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ɔfiri Bet-El sane kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wuiɛ. Na ɔtintim abɔntenpono de wieeɛ no nso, ne kaakyire Segub nso wuiɛ. Yei nyinaa sisiiɛ, sɛdeɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kaeɛ no teɛ.
<- 1 Ahemfo 151 Ahemfo 17 ->