3 Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni Awurade ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 4 Nanso, ɛsiane Dawid enti, Awurade, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ wɔ Yerusalem. 5 Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.
6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7 Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara. 8 Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
16 Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie wɔ Yudahene Asa asase so. 18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho. 19 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”
20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. 22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no.
23 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24 Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
27 Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no. 28 Baasa kumm Nadab wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi hɔ.
29 Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. 30 Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
31 Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 32 Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.