1
4 Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi sɛ wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa wɔ ne so, teaam sɛ, “Monkyere no!” Nanso, ne nsa a ɔtenee wɔ ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee. 5 Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam
6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ
7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi.”
8 Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no sɛ, “Mpo, sɛ wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo wɔ ha. 9
11 Na ɛbaa sɛ na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no. 12 Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn sɛ, “Na ɔfaa he?” Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ. 13 Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so 14 tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?”
15 Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.”
16 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha. 17
18 Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa
20 Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi
26 Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni
27 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no. 28 Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so. 29 Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no. 30 Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no sɛ, “Ao, me nua!”
31 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Sɛ mɛwu a, monsie me wɔ damena a wɔasie Onyankopɔn onipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. 32 Na asɛm a
33 Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ wɔ abosomfie hɔ. 34 Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ.
<- 1 Ahemfo 121 Ahemfo 14 ->