4 Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, ɛfiri sɛ, bɔne yɛ mmara so buo. 5 Monim sɛ Kristo baeɛ sɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, ɛfiri sɛ, ɔno deɛ bɔne nni ne mu. 6 Enti, obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhunuu no, na ɔnnim no.
7 Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ deɛ ɛtene no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ Kristo yɛ ɔteneneeni no. 8 Deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam dea, ɛfiri sɛ, ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. 9 Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya enti, ɔntumi nkɔ so nyɛ bɔne. 10 Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.
16 Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. 17 Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu? 18 Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi.
19 Yei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛwɔ nokorɛ no. Yei na ɛbɛma yɛn akoma anya gyidie wɔ Onyankopɔn anim. 20 Sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ mpo a, yɛnim sɛ Onyankopɔn so sene yɛn akoma na ɔnim biribiara. 21 Enti, anuanom adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoɔduru wɔ Onyankopɔn anim. 22 Biribiara a yɛbisa no no, yɛn nsa ka, ɛfiri sɛ, yɛdi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛdeɛ nso. 23 Ne mmara no ka sɛ, yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no. 24 Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti.
<- 1 Yohane 21 Yohane 4 ->