3 Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no. 4 Sɛ obi ka sɛ, “Menim no”, nanso ɔnni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofoɔ a nokorɛ nni ne mu. 5 Na obiara a ɔtie nʼAsɛm no yɛ obi a nokorɛm, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛ yɛ. Yei na ɛma yɛgye to mu sɛ yɛte ne mu. 6 Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anammɔn akyi.
9 Obiara a ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtane ne nua no wɔ sum mu bɛsi saa dɔnhwereɛ yi mu. 10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne. 11 Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani.
15 Monnnɔ ewiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ ewiase dea. Sɛ modɔ ewiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. 16 Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase. 17 Ewiase ne mu akɔnnɔdeɛ retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa.
20 Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no. 21 Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma. 22 Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. 23 Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso.
24 Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee ahyɛaseɛ no nsie mo akoma mu. Sɛ mode asɛm a motee ahyɛaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa. 25 Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no.
26 Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho. 27 Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.
28 Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no.
29 Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba.
<- 1 Yohane 11 Yohane 3 ->