3 Na Yoab kaa sɛ, “Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
4 Nanso, ɔhene no kaa sɛ, deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem 5 bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda.
6 Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete.
9 Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie: 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ”
11 Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie: 12 Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.”
13 Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.”
14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ. 15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
16 Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.
17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.”
22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna sɛ, “Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade wɔ hɔ sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano.”
23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa, me wura, na fa yɛ deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso bɔ atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
24 Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.”
25 Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no. 26 Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no.
27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu. 28 Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 29 Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30 Nanso, Dawid antumi ankɔ hɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri sɛ, akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu.