3 Afei, Dawid waree mmaa bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree. 4 Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, 5 Yibhar, Elisua, ne Elifelet, 6 Noga, Nefeg ne Yafia, 7 Elisama, Beeliada ne Elifelet.
11 Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12 Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa.
13 Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee hɔ. 14 Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa sɛ, “Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15 Na sɛ mote nnyegyeeɛ bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra nan ase wɔ baka nnua no atifi a, monto nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifoɔ no agu.” 16 Enti, Dawid yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifoɔ akodɔm no guiɛ firi Gibeon de kɔsii Geser.
17 Na Dawid edin hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.
<- 1 Berɛsosɛm 131 Berɛsosɛm 15 ->