4 Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.”
7 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu sɛ wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro hɔ. Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no.
8 Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu sɛ Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so. 9 Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ. 10 Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho.
11 Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson.
13 Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ, 14 wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.
<- 1 Berɛsosɛm 91 Berɛsosɛm 11 ->