3 Na Yosua hyɛ ntadefi, bere a ogyina ɔbɔfo no anim. 4 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina nʼanim no se, “Munnyi ne ho ntadefi no.”
5 Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a Awurade bɔfo no gyina hɔ.
6 Na Awurade bɔfo de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: 7 “Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu.
8 “ ‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba. 9 Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.
10 “ ‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.”
<- Sakaria 2Sakaria 4 ->- a Yosua: Onipa koro yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nhoma mu. Ɛha no, din no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoman Israel (nky. 8-9).