13
Bɔne Ho Ahodwira
1 “Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
2 “Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so. 3 Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.
4 “Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa. 5 Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’ 6 Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ”
Wɔbɔ Oguanhwɛfo No, Na Nguan No Hwete
7 “Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo,
tia onipa a ɔbɛn me!”
Sɛnea Asafo Awurade se ni.
“Bɔ oguanhwɛfo no,
na nguan no bɛbɔ ahwete,
na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.
8 Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni,
“Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu;
na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.
9 Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu;
mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ,
na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.
Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,
na megye wɔn so.
Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’