1 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko yɛ mfa nhyɛ no den. 3 Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” 4 Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.
5 Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6 sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
7 Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no. 8 Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,
13 Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.
17 Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. 18 Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no. 19 Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20 Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so. 21 Mmom sɛnea wɔakyerɛw no:
30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. 31 Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu. 32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo. 33 Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.