Dwom 146
1 Monkamfo Awurade.
Me kra, kamfo Awurade!
2 Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa;
mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.
3 Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,
adesamma a wɔrentumi nnye nkwa.
4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu,
saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.
5 Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn,
nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.
6 Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo,
po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa
Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.
7 Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.
Awurade gyaa nneduafo,
8 Awurade ma anifuraefo hu ade.
Awurade ma wɔn a wɔakom no so,
Awurade dɔ atreneefo.
9 Awurade hwɛ ahɔho so,
na ɔwowaw ayisaa ne akunafo,
na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani.
10 Awurade di hene daa daa,
Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.