5 Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6 Awurade buaa no se, 7 “Asɛm a Selofehad mmabea no ka no yɛ nokware. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapade a sɛ wɔn agya no te ase a anka obenya no ma wɔn.
8 “Ka kyerɛ Israelfo no se sɛ obi wu na onni mmabarima a ɛsɛ sɛ nʼagyapade kɔ ne mmabea hɔ. 9 Na sɛ onni ɔbabea nso a, ɛsɛ sɛ agyapade no kɔ ne nuabarimanom nkyɛn. 10 Na sɛ onni nuabarimanom a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11 Na sɛ onni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfo di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”
15 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, 16 “Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti, yi obi ma onni dɔm yi anim 17 a ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade nnipa renyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”
18 Enti Awurade buaa Mose se, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ akanni honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa to no so. 19 Fa no kɔ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa anim na fa ne dwumadi hyɛ ne nsa. 20 Fa wo tumi no bi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nyinaa betie no. 21 Sɛ wohia akwankyerɛ a efi Awurade hɔ a, Yosua begyina ɔsɔfo Eleasar anim, na ɔsɔfo Eleasar abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛde. Ɔno na ɔbɛhyɛ ama Israelfo no nyinaa afi adi na wahyɛ ama wɔaba mu.”
22 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa. 23 Na ɔde ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛnea Awurade nam ne so hyɛe no.
<- 4 Mose (Numeri) 264 Mose (Numeri) 28 ->