1 Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so. 2 Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3 na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,
nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,
4 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;
nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;
na ɔda fam, a nʼani hu ade:
5 “Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,
Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
6 “Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,
sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.
Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua,
te sɛ sida a esisi nsu ho.
7 Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.
Wɔn aba benya nsu ama aboro so.
“Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;
wɔn ahenni bɛkorɔn.
8 “Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;
wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.
Wɔsɛe atirimɔdenfo aman
na wobubu wɔn nnompe mu asinasin,
wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.
9 Wobutuw da sɛ gyata;
te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?
“Wobehyira wɔn a wohyira wo,
na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”
10 Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11 Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
12 Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se, 13 ‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka. 14 Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”