1
9 “Ɔbarima a ne ho nguu fi no bɛsesaw aboa a wɔhyew no no nsõ de akogu atenae no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ Israelfo no de sie na wɔde agu wɔn ahodwira nsu mu; ɛyɛ nea wɔde dwira wɔn ho fi bɔne ho. 10 Onipa a ɔbɛboaboa nantwi ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama Israelfo no ne ahɔho a wɔte wɔn mu no nyinaa.
11 “Obiara a obeso onipa funu mu no ho begu fi nnanson. 12 Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɛsɛ sɛ ɔde nsu dwira ne ho ma ne ho tew. Sɛ wannwira ne ho nnansa ne nnanson so a ne ho rentew. 13 Wɔn a woso nnipa funu mu na wonnwira wɔn ho no, wogu
14 “Sɛ obi wu wɔ ntamadan mu a, ɛho mmara ni: Obiara a obewura saa ntamadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dedaw ansa na onipa no rewu no nyinaa ho begu fi nnanson, 15 na ade biara a enni mmuaso na wɔde asa no nso ho begu fi.
16 “Sɛ obi a ɔwɔ abɔnten de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ afoa ano funu anaasɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfo funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa ɔda a, ne ho begu fi nnanson.
17 “Nea ne ho agu fi no, fa ahodwira nsõ no bi gu kuruwa mu na hwie nsu gu so. 18 Na obi a ne ho tew no mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu mpete ntamadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntamadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntamadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a osoo dompe mu anaa obi a wokum no anaa nea ɔde ne ho aka ɔda no nso, wodwira ne ho. 19 Wɔyɛ eyi ne nnansa ne ne nnanson so. Na nea ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na saa anwummere no ne ho bɛtew. 20 Nanso sɛ wɔn a wɔn ho agu fi na annwira wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wotwa wɔn asu, efisɛ wɔagu