6 “ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu lita abiɛsa fra ngo lita baako, 7 ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔde. Mommɔ mma enyi hua a ɛbɛsɔ Awurade ani.
8 “ ‘Sɛ wosiesie nantwi ba ma ɔhyew afɔre anaa afɔrebɔde de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikresiam afɔre a worebɔ ama Awurade a, 9 fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho 10 a bobesa lita abien ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔde. Eyi bɛyɛ aduan afɔrebɔ a ebeyi hua asɔ Awurade ani. 11 Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so siesie nantwi, odwennini, oguamma anaa abirekyi ba a wɔde bɔ afɔre no. 12 Afɔrebɔde biara no, ɛsɛ sɛ mofa saa ɔkwan yi so siesie no.
13 “ ‘Ɛsɛ sɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba. 14 Na sɛ ahɔho a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu. 15 Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa; ɔmanfo ne ahɔho; na ɛyɛ nokware a etim hɔ daa de kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu. Mo ne ahɔho nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim. 16 Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ahɔho a wɔtete mo mu no nyinaa.’ ”
17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 18 “Kasa kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mudu asase a mede mo rekɔ so no so 19 na mudi asase no so aduan a, momfa bi mmɔ afɔre mma Awurade. 20 Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no wɔ awiporowbea no. 21 Awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔre a efi mo aduan a edi kan a moanya mu yi ma Awurade.
27 “ ‘Nanso sɛ onipa baako bi yɛ mfomso awerɛfiri mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔre. 28 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma nea ɔfom no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29 Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfo ne ananafo a wɔte mo mu no nyinaa.
30 “ ‘Na sɛ obi boa pa yɛ mfomso a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu. 31 Mpɛn dodow a wabu Awurade asɛm animtiaa na wahyɛ da abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu; na ne bɔne gu ne ti so.’ ”
37 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 38 “Kasa kyerɛ Israelfo no se: Awo ntoatoaso nyinaa mu no, momma biribi nsensɛn mo ntade ano na momfa hama tuntum nkyekyere sɛ nkae ade ntetare ntade no ano. 39 Saa mmara yi botae ne sɛ, bere biara a mubehu saa ade yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛde so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛnea na moyɛ de som anyame afoforo no. 40 Ɛbɛkae mo ama moadi me mmara nyinaa so na wɔbɛtew mo ho ama mo Nyankopɔn. 41 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim asase so bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.”
<- 4 Mose (Numeri) 144 Mose (Numeri) 16 ->