3 Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.
21 Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe. 24 Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ. 25 Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.
26 Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe. 27 Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni. 28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo. 29 Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”
30 Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.”
31 Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.” 32 Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran. 33 Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”
<- 4 Mose (Numeri) 124 Mose (Numeri) 14 ->