6 “ ‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere. 7 Sɛ mode oguan ba sɛ mo akyɛde a, 8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na munkum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei, Aaron mmabarima no bɛpete mogya no agu afɔremuka no ho nyinaa. 9 Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa, 10 ne asaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn ne sisia ne ne merɛbo a wobeyi a nʼasaabo ka ho no. 11 Ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ aduan a ɛyɛ ɔhyew afɔre ama Awurade.
12 “ ‘Sɛ wode abirekyi brɛ Awurade sɛ wʼafɔrebɔde a, 13 fa wo nsa gu aboa no apampam na kum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Aaron mmabarima de aboa no mogya bɛpete afɔremuka no ho nyinaa. 14 Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa afɔrebɔde yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔde fa no yɛ aboa no yam srade, 15 nʼasaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn nʼasen mu ne ne mmerɛbo a wobeyi aka ne asaabo no ho no. 16 Ɔsɔfo no bɛhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae sɛ srade no nyinaa yɛ Awurade dea.
17 “ ‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’ ”
<- 3 Mose (Lewitikɔs) 23 Mose (Lewitikɔs) 4 ->