1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.) 2 Asase a ɛda Yordan atɔe fam no, wɔde maa mmusua nkae a wɔwɔ Manase abusuakuw mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
3 Nanso na Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no nni mmabarima. Mmom, na ɔwɔ mmabea baanum. Na wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4 Saa mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofo no nkyɛn bɛkae se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuw mu no agyapade.” Enti Yosua maa wɔn ne wɔn agyanom agyapade sɛnea Awurade hyɛe no. 5 Ɛno nti Manase agyapade bɛyɛɛ nsaseteaa du a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, 6 efisɛ Manase asefo a wɔyɛ mmea no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapade. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefo a wɔyɛ mmarima nkae no).
14 Yosef asefo baa Yosua nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na woama yɛn asasetaw baako pɛ wɔ bere a Awurade ama yɛn ase adɔ?”
15 Yosua buaa se, “Sɛ Efraim bepɔw asase no sua ma mo a, monkɔdɔw kwae a Perisifo ne Refaitefo te so no.”
16 Na wobuae se, “Bepɔw so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfo a wɔwɔ bepɔw no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bon ho ahyia no wɔ nnade nteaseɛnam, na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”
17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo no se, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den nti, mubenya nsasetam no bi aka baako no ho. 18 Wɔde kwae a ɛda bepɔw no so no bɛka mo ho. Monnɔw asase no sɛnea mubetumi biara na montena hɔ. Ɛwɔ mu sɛ Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam, nanso mewɔ awerehyɛmu sɛ mubetumi apam wɔn afi obon no mu.”
<- Yosua 16Yosua 18 ->