4 Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafo no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
5 Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, “Anuanom, moayi nam bi ana?”
6 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
7 Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ. 8 Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ tɔ. Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ wɔ po no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. 9 Woduu mpoano hɔ no wohuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn.
10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” 11 Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwɔ mu sɛ na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew. 12 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa brodo no kyekyɛ maa wɔn. Eyi akyi no, ɔkyɛɛ nam no nso maa wɔn. 14 Eyi ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafo no.
16 Yesu san bisaa no se, “Yohane ba Simon, wodɔ me ana?”
17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so se, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?”
20 Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi huu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, otwiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, hena na obeyi wo ama?” no. 21 Petro huu saa osuani no, obisaa Yesu se, “Awurade, na oyi nso dɛn na ɛbɛto no?”
22 Yesu buaa no se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di mʼakyi.” 23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuw sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, bere a ɔkae se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?”
24 Saa osuani yi ne onipa a odi eyinom nyinaa ho adanse na ɔkyerɛw nso. Yenim sɛ nʼadansedi no yɛ nokware.
25 Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛe a wɔankyerɛw, na sɛ wɔkyerɛw no mmaako mmaako a, anka migye di sɛ ɛrensen wiase.
<- Yohane 20