3 Petro ne saa osuani yi tee asɛm no, wotuu mmirika kɔɔ ɔda no so. 4 Nanso saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho koduu hɔ kan. 5 Oduu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. 6 Simon Petro de, obeduu hɔ no, owuraa ɔboda no mu. Ohuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ egu hɔ, 7 a dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8 Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii. 9 Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase. 10 Afei asuafo no fii hɔ kɔɔ fie.
13 Wobisaa no se, “Ɔbea, adɛn na woresu sɛɛ yi?”
15 Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?”
16 Yesu frɛɛ no se, “Maria!”
17 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”
18 Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.
21 Yesu san kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22 Ɔhome guu wɔn so kae se, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23 Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”
26 Asuafo no san hyiae wɔ nnaawɔtwe akyi a na Toma ka wɔn ho. Ɛwɔ mu sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa hɔ, kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” 27 Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!”
28 Toma de ahonu kae se, “Wo ne mʼAwurade ne me Nyankopɔn!”
29 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di.”
30 Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ nʼasuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu. 31 Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.
<- Yohane 19Yohane 21 ->